Genesis 9:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Na mo kra mogya nso, mebisa. Mebisa wɔ aboa biara nsam, na mebisa wɔ onipa nso nsam; obi nua mpo mebisa ne kra ne nsam.+ Exodus 21:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 “Sɛ obi bɔ obi ma owu a, wonkum ɔno nso.+ Leviticus 24:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 “‘Sɛ obi bɔ ɔkra bi ma owu a, ɛsɛ sɛ wokum ɔno nso.+ Deuteronomium 19:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 ɛnde ne kurom mpanyimfo nsoma nkɔfa no mfi hɔ, na wɔmfa no nhyɛ obusuani no nsa, na onwu.+
5 Na mo kra mogya nso, mebisa. Mebisa wɔ aboa biara nsam, na mebisa wɔ onipa nso nsam; obi nua mpo mebisa ne kra ne nsam.+