34 Na Israelfo no yɛɛ nea Yehowa hyɛɛ Mose no nyinaa.+ Ɔfã a wɔde maa mmusua abiɛsa biara no, saa ara na wɔhyehyɛɛ wɔn ho+ wɔ nsraban no mu, na wotu nso a, wɔhyehyɛ wɔn ho saa ara.+ Obiara ne n’abusua ne n’agyanom fie wɔ faako.
23 Sɛ Yehowa ka sɛ wɔnsoɛ baabi a, na wɔasoɛ, na Yehowa ka sɛ wontu a, na wɔatu. Wɔyɛɛ osetie+ maa Yehowa, na wɔyɛɛ nea Yehowa nam Mose so hyɛe nyinaa.+