16 Bio nso, Manase hwiee mogya a edi bem bebree pa gui+ kosii sɛ ɔde hyɛɛ Yerusalem nyinaa mã, efi ano kosi ano, ɛsono bɔne a ɔyɛe a ɛnam so maa Yuda nso yɛɛ bɔne wɔ Yehowa ani so no.+
6 na moanhyɛ ɔhɔho anaa agyanka anaa okunafo so,+ na moanhwie mogya a edi bem angu wɔ ha,+ na moankodi anyame foforo akyi amfa amanehunu amma mo so a,+
14 Afei wofii ase su frɛɛ Yehowa sɛ:+ “O Yehowa, yɛsrɛ wo mma yennwuwu esiane ɔbarima yi kra nti! Na mfa mogya a enni fɔ+ ho asodi nto yɛn so, efisɛ wo Yehowa, nea ɛsɔ w’ani na woayɛ yi!”+