Exodus 18:21 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 Na w’ankasa hwɛ nkurɔfo no mu paw mmarima a wɔfata,+ wosuro Onyankopɔn,+ wodi nokware,+ na wɔnyɛ adifudepɛ;+ yɛ wɔn mpanyimfo wɔ nnipa apem biara+ so, ɔha biara so, aduonum biara so, ne edu biara+ so. Deuteronomium 1:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Munyi mo mmusua mu mmarima anyansafo a wɔn ani da hɔ+ na wɔwɔ suahu,+ na memfa wɔn nsisi mo so.’+ Deuteronomium 16:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 “Sisi atemmufo+ ne mpanyimfo+ wɔ nkurow a Yehowa wo Nyankopɔn de ama abusuakuw biara no apon ano, na wɔmfa atɛntrenee mmu ɔman no atɛn. Deuteronomium 21:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 ɛnde ne papa ne ne maame mfa no mmra ne kurom mpanyimfo anim wɔ kurow no pon ano.+
21 Na w’ankasa hwɛ nkurɔfo no mu paw mmarima a wɔfata,+ wosuro Onyankopɔn,+ wodi nokware,+ na wɔnyɛ adifudepɛ;+ yɛ wɔn mpanyimfo wɔ nnipa apem biara+ so, ɔha biara so, aduonum biara so, ne edu biara+ so.
18 “Sisi atemmufo+ ne mpanyimfo+ wɔ nkurow a Yehowa wo Nyankopɔn de ama abusuakuw biara no apon ano, na wɔmfa atɛntrenee mmu ɔman no atɛn.