14 Na ɔde Yerusalemfo nyinaa ne mmapɔmma+ no nyinaa ne mmarima akokodurufo a wɔn ho yɛ den+ no nyinaa, ne adwumfo+ ne abantofo no nyinaa, nnipa mpem du, kɔɔ nkoasom mu.+ Wɔannyaw obiara gye asase no so mmɔborɔfo+ nko.
15 Mmɔborɔfo a wɔwɔ ɔman no mu ne ɔmanfo nkae a wogyaw wɔn wɔ kurow no mu+ ne wɔn a wɔdan kɔɔ Babilon hene afã ne adwumayɛfo nkae a wɔn ho akokwaw no, awɛmfo so panyin Nebusaradan de wɔn kɔɔ nkoasom mu.+