Deuteronomium 4:26 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 26 ɛnde ɛnnɛ mefrɛ ɔsoro ne asase sɛ adansefo+ sɛ wɔbɛsɛe mo ntɛm afi asase a moretwa Yordan akɔfa no so. Na morentena so nkyɛ, efisɛ wobetwa mo afi so.+ Deuteronomium 30:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 Ɛnnɛ mefrɛ ɔsoro ne asase sɛ wonni mo ho adanse:+ Mede nkwa ne owu,+ nhyira+ ne nnome,+ asi w’anim; enti fa nkwa na wo ne w’asefo anya nkwa.+ Deuteronomium 32:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 32 Ɔsoro, yɛ aso na menkasa;Asase nso ntie m’anom asɛm.+
26 ɛnde ɛnnɛ mefrɛ ɔsoro ne asase sɛ adansefo+ sɛ wɔbɛsɛe mo ntɛm afi asase a moretwa Yordan akɔfa no so. Na morentena so nkyɛ, efisɛ wobetwa mo afi so.+
19 Ɛnnɛ mefrɛ ɔsoro ne asase sɛ wonni mo ho adanse:+ Mede nkwa ne owu,+ nhyira+ ne nnome,+ asi w’anim; enti fa nkwa na wo ne w’asefo anya nkwa.+