20 Na mede wɔn bɛba asase a nufusu ne ɛwo sen wɔ so+ a mekaa ho ntam kyerɛɛ wɔn agyanom no so,+ na wobedidi+ amee ayeyɛ akɛse.+ Afei wɔbɛkɔ akodi anyame foforo akyi+ akɔsom wɔn, na me de, wobetiatia m’anim abu m’apam so.+
25 Wodii nkurow a ɛyɛ den+ ne asase a adɔ srade so,+ na wonyaa afie a nneɛma pa nyinaa ahyɛ mu mã,+ mmura a wɔatu,+ bobe nturo ne ngodua+ mfuw ne nnua a ɛsow aba pii, na wodidi mee+ na wɔyeyɛɛ akɛse+ na wonyaa ahotɔ, wo papayɛ+ kɛse mu.