Yesaia 1:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Nnebɔneyɛfo man,+ due, ɔman a bɔne adonnɔn no, bɔne asefo,+ mma a wɔasɛe!+ Wɔagyaw Yehowa,+ wɔabu Israel Kronkronni no animtiaa,+ wɔasan wɔn akyi.+ Yesaia 51:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Na dɛn nti na wo werɛ afi wo Yɛfo Yehowa,+ nea ɔtrɛw ɔsoro mu+ na ɔto asase fapem,+ ma enti da biara da wusuro, nea ɔhyɛ wo so no abufuw nti,+ te sɛ nea ɔrebɛsɛe wo ara ni?+ Ɛhe na nea ɔhyɛ wo so no abufuw wɔ?+ Hosea 13:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Wɔn asase pa nti, wodidi mee.+ Na bere a wɔmee no, wɔn koma maa ne ho so,+ enti wɔn werɛ fii me.+
4 Nnebɔneyɛfo man,+ due, ɔman a bɔne adonnɔn no, bɔne asefo,+ mma a wɔasɛe!+ Wɔagyaw Yehowa,+ wɔabu Israel Kronkronni no animtiaa,+ wɔasan wɔn akyi.+
13 Na dɛn nti na wo werɛ afi wo Yɛfo Yehowa,+ nea ɔtrɛw ɔsoro mu+ na ɔto asase fapem,+ ma enti da biara da wusuro, nea ɔhyɛ wo so no abufuw nti,+ te sɛ nea ɔrebɛsɛe wo ara ni?+ Ɛhe na nea ɔhyɛ wo so no abufuw wɔ?+