Atemmufo 2:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 Sɛ Yehowa ma wɔn atemmufo+ a, na Yehowa di ɔtemmufo biara akyi. Na ɔtemmufo no nna nyinaa, ogyee wɔn fii wɔn atamfo nsam, efisɛ na ɛhaw Yehowa+ sɛ obehu sɛ wɔn atamfo+ ne asɔretiafo nti wɔresi apini. Dwom 90:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 O Yehowa, san bra!+ Enkosi da bɛn?+Ma wo nkoa asɛm nyɛ wo mmɔbɔ.+ Dwom 106:45 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 45 Ɔkaee apam a ɔne wɔn yɛe no,+Na n’adɔe dodow nti, ogyae ma ɛkae.+ Dwom 135:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Yehowa bedi ne nkurɔfo asɛm ama wɔn,+Na obehu ne nkoa mmɔbɔ.+
18 Sɛ Yehowa ma wɔn atemmufo+ a, na Yehowa di ɔtemmufo biara akyi. Na ɔtemmufo no nna nyinaa, ogyee wɔn fii wɔn atamfo nsam, efisɛ na ɛhaw Yehowa+ sɛ obehu sɛ wɔn atamfo+ ne asɔretiafo nti wɔresi apini.