15 Na sɛ Yehowa ma mo nuanom home sɛ mo na wɔfa asase a Yehowa mo Nyankopɔn de ama wɔn+ no a, afei mubetumi asan aba abɛfa asase+ a wɔde ama mo no, nea Yehowa akoa Mose de ama mo wɔ Yordan agya wɔ apuei fam no.’”+
4 Afei Yehowa mo Nyankopɔn ama mo nuanom ahome, sɛnea ɔhyɛɛ wɔn bɔ no.+ Enti monsan nkɔ mo ntamadan mu, asase a Yehowa akoa Mose de maa mo wɔ Yordan agya no so.+
8 Na ɔtoaa so ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momfa ahonyade ne nyɛmmoa ne dwetɛ ne sika ne kɔbere ne nnade ne ntade bebree nkɔ.+ Na mo ne mo nuanom nkyɛ asade+ a munya fii mo atamfo hɔ no.”