19 Me ne no abɔ sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛma ne mma ne ne fiefo a wɔbɛba akyiri yi anantew Yehowa akwan so ayɛ nea ɛteɛ na wabu atɛntrenee,+ na ama Yehowa ayɛ nea waka afa Abraham ho nyinaa ama no.”+
9 “Ɛno ara ne sɛ monhwɛ mo ho yiye na mo ani mmra mo kra+ so na mo werɛ amfi nea moahu no,+ na amfi mo komam mo nkwa nna nyinaa;+ na momfa nkyerɛkyerɛ mo mma ne mo mmanana.+