26 Na ɔtoaa so kae sɛ: “Sɛ wowɛn w’aso tie Yehowa wo Nyankopɔn na woyɛ nea ɛteɛ wɔ n’ani so, na wutie ne mmara di n’ahyɛde nyinaa so+ a, meremfa ɔyare a mede baa Egyptfo so no biara mma wo so,+ efisɛ me Yehowa na meresa wo yare.”+
28“Sɛ woyɛ aso tie Yehowa wo Nyankopɔn asɛm na wudi ne mmara nsɛm a mede rema wo nnɛ yi nyinaa so a,+ Yehowa wo Nyankopɔn nso bɛma wo so asen asase so aman nyinaa.+