16 “‘Nanso sɛ bɔhyɛ bi+ nti ɔde aboa bi bɛbɔ afɔre anaa ɔno ara fi ne pɛ mu bɔ afɔre+ a, da a ɔde no bɛbɔ afɔre no wɔnwe, na sɛ ebi ka ma ade kye so a, ɛno nso wobetumi awe.
18 “Ka kyerɛ Aaron ne ne mma ne Israelfo nyinaa ma wɔnte sɛ, ‘Sɛ bɔhyɛ bi+ nti Israelni anaa ɔhɔho a ɔte Israel de aboa bi ba sɛ wɔmfa mmɔ afɔre+ anaasɛ ɔno ara fi ne pɛ mu de ba+ sɛ wɔmfa mmɔ ɔhyew afɔre mma Yehowa a,