Deuteronomium 14:22 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 22 “Afe biara kyɛ w’afuw mu nnɔbae nyinaa mu du na fa biako bra.+ Deuteronomium 26:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 “Afe a ɛto so abiɛsa no yɛ afe a wobɛkyɛ wo nnɔbae nyinaa mu du de biako aba.+ Enti edu saa afe no a, kyɛ w’afuw mu nnɔbae a wunyae no mu du na fa emu biako ma Lewini ne ɔhɔho ne agyanka ne okunafo, na wonni wɔ wo kurow mu mmee.+
12 “Afe a ɛto so abiɛsa no yɛ afe a wobɛkyɛ wo nnɔbae nyinaa mu du de biako aba.+ Enti edu saa afe no a, kyɛ w’afuw mu nnɔbae a wunyae no mu du na fa emu biako ma Lewini ne ɔhɔho ne agyanka ne okunafo, na wonni wɔ wo kurow mu mmee.+