14 “Ɛnnɛ merekɔ asase sofo nyinaa kwan,+ na munim mo koma nyinaa mu ne mo kra nyinaa mu sɛ nsɛmpa a Yehowa mo Nyankopɔn aka akyerɛ mo no mu asɛm biako mpo ntɔɔ fam. Ne nyinaa aba mu; biako mpo ntɔɔ fam.+
56 “Nhyira nka Yehowa+ a wama ne man Israel ɔhome sɛnea bɔ a ɔhyɛe nyinaa te+ no. Nneɛma pa a ɔnam n’akoa Mose so hyɛɛ ho bɔ+ no nyinaa, biako mpo antɔ fam.+
18 na ama yɛn a yɛaguan akonya guankɔbea no afa nneɛma abien a ɛnsakra a Onyankopɔn ntumi nni atoro+ wom so anya nkuranhyɛ a emu yɛ den de aso anidaso+ a wɔde asi yɛn anim no mu.