9 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Minim sɛ ɔkwan biara so Yehowa de asase yi bɛma mo,+ na mo ho hu mpo atɔ yɛn so+ dedaw. Na moama asase yi sofo nyinaa koma abotow.+
11 Bere a yɛtee no, yɛn koma tui,+ na mo nti obiara honhom aguan besi nnɛ,+ efisɛ Yehowa mo Nyankopɔn yɛ ɔsoro a ɛwɔ soro ne asase a ɛwɔ fam yi Nyankopɔn.+