5 Sɛ wɔhyɛn abɛn* no na mote abɛn no nnyigyei a, asafo no nyinaa nteɛm denneennen;+ na kurow no fasu nyinaa bedwiriw agu.+ Ɛba saa a, obiara nkɔ n’anim tēē.”
10 Ná Yosua aka akyerɛ ɔman+ no dedaw sɛ: “Monnteɛm na mommma obi nnte mo nne, na mummmue mo ano nnka biribiara kosi sɛ mɛka akyerɛ mo sɛ, ‘Monteɛm!’ ansa na moateɛm.”+
15 na Yuda mmarima teɛteɛɛm denneennen.+ Na ɛbae sɛ bere a Yuda mmarima teɛteɛɛm denneennen no, nokware Nyankopɔn kaa Yeroboam ne Israel mma no nyinaa gui,+ Abia+ ne Yuda anim.