Deuteronomium 1:21 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 Hwɛ, Yehowa mo Nyankopɔn de asase no ama mo,+ enti monkɔfa sɛnea Yehowa mo agyanom Nyankopɔn ka kyerɛɛ mo no.+ Munnsuro, na mommmɔ hu.’+ Deuteronomium 7:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 Nanso nsuro wɔn,+ na kae nea Yehowa wo Nyankopɔn yɛɛ Farao ne Egypt nyinaa.+ Deuteronomium 31:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Yehowa di w’anim. Ɔka wo ho,+ ɔrempo wo, na ɔrennyaw wo. Enti nsuro na mmɔ hu.”+ Yosua 1:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Adɛn, menhyɛɛ wo+ sɛ ma wo bo nyɛ duru na wo ho nyɛ den? Nsuro na mmɔ hu,+ efisɛ baabi a wobɛkɔ biara no, Yehowa wo Nyankopɔn ka wo ho.”+ Dwom 27:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 27 Yehowa ne me hann+ ne me nkwagye.+Hena na mesuro no?+Yehowa ne me nkwa abannennen.+Hena na me ho bɛpopo n’anim?+ Yesaia 12:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Hwɛ, Onyankopɔn ne me nkwagye.+ Mewɔ ahotoso na merensuro,+ efisɛ Yah Yehowa ne m’ahoɔden+ ne me tumi,+ na ɔno ne me nkwagye.”+ Romafo 8:31 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 31 Ɛnde dɛn na yɛbɛka wɔ eyinom ho? Sɛ Onyankopɔn wɔ yɛn afa a, hena na obetumi ne yɛn adi asi?+
21 Hwɛ, Yehowa mo Nyankopɔn de asase no ama mo,+ enti monkɔfa sɛnea Yehowa mo agyanom Nyankopɔn ka kyerɛɛ mo no.+ Munnsuro, na mommmɔ hu.’+
9 Adɛn, menhyɛɛ wo+ sɛ ma wo bo nyɛ duru na wo ho nyɛ den? Nsuro na mmɔ hu,+ efisɛ baabi a wobɛkɔ biara no, Yehowa wo Nyankopɔn ka wo ho.”+
27 Yehowa ne me hann+ ne me nkwagye.+Hena na mesuro no?+Yehowa ne me nkwa abannennen.+Hena na me ho bɛpopo n’anim?+
2 Hwɛ, Onyankopɔn ne me nkwagye.+ Mewɔ ahotoso na merensuro,+ efisɛ Yah Yehowa ne m’ahoɔden+ ne me tumi,+ na ɔno ne me nkwagye.”+