23 mma n’amu no nnsɛn dua so mmma ade nnkye so.+ Hwɛ sie no da no ara efisɛ Onyankopɔn nnome wɔ obiara a wɔasɛn no so,+ na mma efĩ nnka asase a Yehowa wo Nyankopɔn de ama wo sɛ agyapade no.+
29 Na ɔsɛn Ai+ hene no wɔ dua so kosii anwummere,+ na bere a owia rekɔtɔ no, Yosua ma woyii ne funu fii dua no so+ kɔtoo kurow no pon ano, na wɔsoaa abo pii guu no so ma ɛyɛɛ siw kɛse a ɛwɔ hɔ de besi nnɛ.