14Eyi na Israelfo nyae sɛ wɔn agyapade wɔ Kanaan asase so.+ Asase yi na ɔsɔfo Eleasar ne Nun ba Yosua ne Israel agyanom mmusua mu atitiriw kyɛ maa wɔn.+
16Bere a wɔbɔɔ ntonto+ kyɛɛ asase no, na Yosef+ asefo no hye fi Yordan+ agya a ɛbɛn Yeriko kosi Yeriko nsu ho wɔ apuei, sare a efi Yeriko foro kɔ Betel+ mmepɔw so no.
17Na wɔbɔɔ ntonto+ maa Manase+ abusuakuw no nyaa asase, efisɛ ɔno ne Yosef ba panyin,+ na ebedii Manase ba panyin Makir,+ Gilead+ papa, nsam, efisɛ na ɔyɛ ɔsabarima;+ na wɔde Gilead+ ne Basan maa no.