25 Akyiri yi, Saul ne ne mmarima no bae bɛhwehwɛɛ no.+ Bere a wɔka kyerɛɛ Dawid no, ɛhɔ ara na osian kɔhyɛɛ ɔbotan+ mu, na ɔtenaa Maon sare so hɔ. Na Saul tee no, otiw+ Dawid wɔ Maon sare no so.
2 Ɔbarima bi tenaa ase wɔ Maon+ a n’adwuma wɔ Karmel.*+ Ná ɔbarima no yɛ onipa kɛse paa; ná ɔwɔ nguan mpem abiɛsa ne mmirekyi apem, na na ɔretwitwa ne nguan ho+ wɔ Karmel.