2 Na ɔkae sɛ: “Me wuranom, mesrɛ mo momman mmra mo akoa fie mmɛda ha anadwo yi, na wɔnhohoro mo nan ho,+ na ade kye a moasɔre ntɛm atoa mo akwantu no so.”+ Ɛnna wɔkae sɛ: “Dabi, abɔnten so na yɛbɛtena anadwo yi.”+
7 Ɛnyɛ ɛno ne sɛ wobɛkyɛ w’aduan mu ama nea ɔkɔm de no,+ na wode ahiafo a wonni baabi te akɔ wo fie?+ Na ɛnyɛ ɛno ne sɛ wubehu obi a ɔda adagyaw na woakata ne ho,+ na womfa wo ho nhintaw wo nua?+