3Ná Mose hwɛ n’ase+ Yetro+ a ɔyɛ Midian sɔfo no nguan. Da bi a ɔde nguan no nam sare so rekɔ atɔe fam no, okopuee nokware Nyankopɔn no bepɔw+ Horeb+ ho.
29 Afei Mose ka kyerɛɛ Hobab a ɔyɛ Mose ase Midianni Reuel+ ba no sɛ: “Yɛretu akɔ baabi a Yehowa kae sɛ, ‘Mede bɛma mo’+ no. Bra ma yɛnkɔ, na yɛbɛyɛ wo yiye,+ efisɛ Yehowa aka Israel ho anigyesɛm.”+