Leviticus 26:21 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 “‘Na sɛ mokɔ so ne me di asi na moantie me a, mɛma ɔhaw a mede bɛba mo so no abu abɔ ho mpɛn ason sɛnea mo bɔne te.+ Numeri 33:55 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 55 “‘Na sɛ moampam wɔn a wɔtete asase no so+ nyinaa a, ɛnde wɔn a wɔbɛka hɔ no bɛyɛ sɛ duaa bi a ɛwowɔ mo ani ne nsɔe bi a ɛhyɛ mo honam mu, na wɔbɛhaw mo wɔ asase a mobɛtena so no so.+ Deuteronomium 28:51 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 51 Wɔbɛwe w’afieboa mma na wɔadi w’asase so nnɔbae nyinaa akosi sɛ wɔbɛtɔre w’ase koraa.+ Na wɔrennyaw wo awi anaa nsã foforo anaa ngo anaa w’anantwi mma anaa wo nguan mma kosi sɛ wɔbɛsɛe wo.+
21 “‘Na sɛ mokɔ so ne me di asi na moantie me a, mɛma ɔhaw a mede bɛba mo so no abu abɔ ho mpɛn ason sɛnea mo bɔne te.+
55 “‘Na sɛ moampam wɔn a wɔtete asase no so+ nyinaa a, ɛnde wɔn a wɔbɛka hɔ no bɛyɛ sɛ duaa bi a ɛwowɔ mo ani ne nsɔe bi a ɛhyɛ mo honam mu, na wɔbɛhaw mo wɔ asase a mobɛtena so no so.+
51 Wɔbɛwe w’afieboa mma na wɔadi w’asase so nnɔbae nyinaa akosi sɛ wɔbɛtɔre w’ase koraa.+ Na wɔrennyaw wo awi anaa nsã foforo anaa ngo anaa w’anantwi mma anaa wo nguan mma kosi sɛ wɔbɛsɛe wo.+