24 na ogya fi Yehowa anim+ bɛhyew ɔhyew afɔre no ne srade a ɛwɔ afɔremuka no so no. Bere a nnipa no nyinaa hui no, wɔteɛteɛɛm+ na wɔde wɔn anim butubutuw fam.
20 Afei bere a ogyaframa fi afɔremuka no so rekɔ soro no, Yehowa bɔfo no faa ogyaframa no mu foro kɔɔ soro. Manoa ne ne yere hwɛɛ nea ɛrekɔ so,+ na wɔde wɔn anim butubutuw fam.+
26 Ɛnna Dawid sii afɔremuka+ wɔ hɔ maa Yehowa, na ɔbɔɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre wɔ so. Ɔmaa ne nne so frɛɛ Yehowa+ na afei ogyee no so, na ɔtɔɔ ogya+ fi soro beguu ɔhyew afɔre no so.