Genesis 19:38 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 38 Na akumaa no nso woo ɔbabarima na ɔtoo ne din Ben-Ami. Ɔno ne Ammonfo agya+ de besi nnɛ. Atemmufo 3:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Na ɔde Ammonfo+ ne Amalekfo+ nso baa wɔn so, na wokunkum Israelfo na wɔfaa mmɛ kurow+ no. Atemmufo 10:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Na Yehowa bo fuw Israel+ denneennen na ɔtɔn+ wɔn hyɛɛ Filistifo+ ne Ammonfo+ nsa.