6 Na Yonatan ka kyerɛɛ ne somfo a okura n’akode no sɛ: “Bra ma yentwa nkɔ momonotofo+ yi awɛmfo dɔm no mu. Ebia Yehowa bedi ama yɛn efisɛ ɛnyɛ den mma Yehowa sɛ ɔnam pii anaa kakraa bi so begye nkwa.”+
26 Na Dawid bisaa mmarima a wogyina ne nkyɛn no sɛ: “Dɛn na wɔbɛyɛ ama ɔbarima a obekum saa Filistini+ yi na wayi ahohorabɔ afi Israel so+ no? Hena koraa ne Filistini momonotoni+ yi a ɔretwa Onyankopɔn teasefo+ no mpasua mpoa+ yi?”
4 Ɛnna Saul ka kyerɛɛ nea okura n’akode no sɛ: “Twe wo nkrante+ fa hwirew me mu na momonotofo+ yi ammehwirew me mu anyɛ me aninyanne.” Nanso n’akodekurafo no ampɛ sɛ ɔyɛ saa,+ efisɛ na ehu kɛse aka no. Enti Saul faa nkrante no na ɔhwee so.+