5 Ɛnyɛ wo trenee+ anaa wo komam a ɛteɛ+ nti na worekɔfa wɔn asase no, mmom aman no amumɔyɛ nti na Yehowa wo Nyankopɔn repam wɔn afi w’anim yi,+ na ama ntam a Yehowa kaa w’agyanom Abraham+ ne Isak+ ne Yakob+ no aba mu.
12Na Efraim mmarima boaa wɔn ho ano kɔɔ atifi fam kɔka kyerɛɛ Yefta sɛ: “Dɛn nti na wo ne Ammonfo rekɔko no woamfrɛ yɛn amma yɛne wo ankɔ?+ Yɛde ogya bɛhyew wo fie agu wo so.”+
15 Afei da a ɛto so anan no, wɔka kyerɛɛ Samson yere sɛ: “Daadaa wo kunu na ɔnkyerɛ yɛn aborɔme no ase.+ Anyɛ saa a, yɛbɛhyew wo ne wo papa fie nyinaa.+ Adɛn, mode yɛn baa ha sɛ morebɛpra yɛn ho nneɛma+ anaa?”