Dwom 3:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 O Yehowa, sɔre ɛ!+ Me Nyankopɔn,+ gye me ɛ!+Bubu m’atamfo nyinaa abogye.+Dwiriw abɔnefo sẽ.+ Dwom 18:31 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 31 Hena ne Onyankopɔn sɛ Yehowa?+Na hena ne ɔbotan sɛ yɛn Nyankopɔn?+ Dwom 44:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Ɛnyɛ wɔn ankasa nkrante na wɔde nyaa asase no,+Na ɛnyɛ wɔn ankasa basa na egyee wɔn,+Na mmom wo nsa nifa ne wo basa+ ne w’anim hann,Efisɛ na wopɛ wɔn asɛm.+
3 Ɛnyɛ wɔn ankasa nkrante na wɔde nyaa asase no,+Na ɛnyɛ wɔn ankasa basa na egyee wɔn,+Na mmom wo nsa nifa ne wo basa+ ne w’anim hann,Efisɛ na wopɛ wɔn asɛm.+