7 Na Lewifo no de, wɔrennya mo asase no bi,+ efisɛ wɔn agyapade ne Yehowa asɔfodi.+ Gad ne Ruben+ ne Manase abusuakuw fã+ no nso anya wɔn agyapade a Yehowa akoa Mose de maa wɔn wɔ Yordan agya wɔ apuei no.”+
30 Ɛno akyi no Danfo no de ohoni a wɔasen+ no sii hɔ fae. Na Mose ba Gersom+ ba Yonatan+ ne ne mma bɛyɛɛ Dan abusuakuw no asɔfo kosii da a wɔfaa ɔman no kɔɔ nkoasom mu.+