42 Na Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Fa asomdwoe kɔ,+ efisɛ yɛn baanu nyinaa aka ntam+ Yehowa din mu sɛ, ‘Yehowa ntena me ne wo ne m’asefo ne w’asefo ntam nkosi daa.’”+
Ɛnna Dawid sɔre siim kɔɔ ne kwan, na Yonatan nso kɔɔ kurow no mu.
8 Mo nyinaa moabɔ me ho pɔw. M’ankasa me ba ne Yese ba no ayɛ apam,+ na obiara anyi me asotiw,+ na obiara nni hɔ a odwen me ho a obeyi me asotiw sɛ m’ankasa me ba ama m’akoa so atia me ma wakɔtɛw me nnɛ a merekasa yi.”