Genesis 18:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Mesrɛ mo, momma wɔmfa nsu kakra mmra mmɛhohoro mo nan ho,+ na monhome dua yi ase.+ Luka 7:44 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 44 Enti ɔhwɛɛ ɔbea no ka kyerɛɛ Simon sɛ: “Woahu ɔbea yi? Mebaa wo fie; woamma me nsu+ anhohoro me nan ho. Nanso ɔbea yi de ne nusu fɔw me nan ho na ɔde ne ti nhwi popae. Yohane 13:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Ɛno akyi no, ɔde nsu guu guasɛn mu na ofii ase hohoroo asuafo no nan ho+ na ɔde mpopaho a ɛbɔ ne mu no popaa ho. 1 Timoteo 5:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 nea wodi ne ho adanse sɛ ɔyɛɛ nnwuma pa,+ ɔtetee mma,+ ogyee ahɔho,+ ɔhohoroo akronkronfo nan ho,+ ɔboaa wɔn a wɔwɔ ahohia mu,+ ɔde nsiyɛ dii adwuma pa biara akyi.+
44 Enti ɔhwɛɛ ɔbea no ka kyerɛɛ Simon sɛ: “Woahu ɔbea yi? Mebaa wo fie; woamma me nsu+ anhohoro me nan ho. Nanso ɔbea yi de ne nusu fɔw me nan ho na ɔde ne ti nhwi popae.
5 Ɛno akyi no, ɔde nsu guu guasɛn mu na ofii ase hohoroo asuafo no nan ho+ na ɔde mpopaho a ɛbɔ ne mu no popaa ho.
10 nea wodi ne ho adanse sɛ ɔyɛɛ nnwuma pa,+ ɔtetee mma,+ ogyee ahɔho,+ ɔhohoroo akronkronfo nan ho,+ ɔboaa wɔn a wɔwɔ ahohia mu,+ ɔde nsiyɛ dii adwuma pa biara akyi.+