2 Samuel 12:23 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 23 Seesei a wawu yi, meredi mmuada ayɛ dɛn? Metumi de no aba bio anaa?+ Mɛkɔ ne nkyɛn,+ na ɔno de, ɔrensan mma me nkyɛn.”+ Dwom 115:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Ɛnyɛ awufo na woyi Yah ayɛ,+Anaa wɔn a wɔkɔhyɛ fam komm no.+ Dwom 146:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Ne honhom fi kɔ,+ na ɔsan kɔ ne dɔte mu;+Da no ara, ne nsusuwii yera.+ Ɔsɛnkafo 9:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Na ateasefo nim sɛ wobewuwu;+ awufo de, wonnim biribiara,+ na wonni akatua biara bio, efisɛ nnipa nkae wɔn bio.+ Ɔsɛnkafo 9:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Biribiara a wo nsa bɛka sɛ wobɛyɛ no, fa w’ahoɔden nyinaa yɛ,+ efisɛ adwuma ne adwene ne nimdeɛ+ ne nyansa biara+ nni Adamoa*+ mu a worekɔ no.+
23 Seesei a wawu yi, meredi mmuada ayɛ dɛn? Metumi de no aba bio anaa?+ Mɛkɔ ne nkyɛn,+ na ɔno de, ɔrensan mma me nkyɛn.”+
5 Na ateasefo nim sɛ wobewuwu;+ awufo de, wonnim biribiara,+ na wonni akatua biara bio, efisɛ nnipa nkae wɔn bio.+
10 Biribiara a wo nsa bɛka sɛ wobɛyɛ no, fa w’ahoɔden nyinaa yɛ,+ efisɛ adwuma ne adwene ne nimdeɛ+ ne nyansa biara+ nni Adamoa*+ mu a worekɔ no.+