11 Ɔbarima oo, ɔbea oo, Dawid ankora obiara nkwa so amfa no amma Gat, efisɛ ɔkae sɛ: “Anyɛ a wɔbɛkɔ akɔka nea yɛayɛ sɛ, ‘Sɛɛ na Dawid ayɛ.’”+ (Nna a ɔde tenaa Filistifo akuraase hɔ nyinaa, saa ara na ɔyɛe.)
3 Ɛnna Filistifo akunini no bisae sɛ: “Na Hebrifo+ yi ɛ?” Na Akis ka kyerɛɛ Filistifo akunini no sɛ: “Ɛnyɛ Israel hene Saul akoa Dawid a ɔne me atena ha afe anaa mfe abien+ no ni? Efi da a ɔdan baa m’afã de besi nnɛ, minhuu+ adebɔne biara wɔ ne ho.”