25 Mesrɛ wo, mma me wura mmfa ne koma nnkɔ ɔbarima huhuni+ Nabal yi so, na sɛnea ne din te no saa na ɔte. Ne din de Nabal, na agyimisɛm ne no na ɛte.+ W’afenaa de, manhu me wura mmarima a wosomaa wɔn no.
22 Nanso mmarima a wɔne Dawid kɔe no mu nnipa bɔne ne ahuhufo+ no kae sɛ: “Wɔne yɛn ankɔ nti yɛremma wɔn asade a yɛakogye no bi, gye obiara yere ne ne mma na yɛde wɔn bɛma wɔn na wɔadi wɔn anim akɔ.”