4 Na Dawid ko gyee apɔnkɔsotefo apem ahanson ne mmarima mpem aduonu a wɔnam fam+ fii ne nsam. Ɛnna Dawid twitwaa nteaseɛnam apɔnkɔ+ no nyinaa nantin ntini,+ na ogyaw nteaseɛnam apɔnkɔ no mu ɔha.
5 Saa bere no nyinaa na Hagit+ ba Adoniya+ mema ne ho so+ ka sɛ: “Me na medi hene!”+ Na ɔma wɔyɛɛ teaseɛnam maa no, na onyaa apɔnkɔsotefo ne mmarima aduonum a wotu mmirika di n’anim.+