Atemmufo 6:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yehowa, mesrɛ wo. Dɛn na mede begye Israel?+ Manase abusuakuw mu nyinaa, m’asafo* na esua, na mene akumaa wɔ m’agya fie.”+ Mmebusɛm 3:34 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 34 Afɛwdifo+ de, obedi wɔn ho fɛw;+ na ɔbɛdom ahobrɛasefo.+ Mmebusɛm 11:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Ahantan aba anaa? Ɛnde animguase bedi akyi;+ na ahobrɛasefo na nyansa ne wɔn te.+ Mmebusɛm 18:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Nea edi asehwe anim ne sɛ onipa koma bɛma ne ho so,+ na nea edi anuonyam anim ne ahobrɛase.+ Mmebusɛm 22:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Ahobrɛase ne Yehowa suro—ɛde ahonya ne anuonyam ne nkwa na ɛba.+ Luka 14:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Na obiara a ɔma ne ho so no wɔbɛbrɛ no ase, na nea ɔbrɛ ne ho ase no wɔbɛma no so.”+ Yakobo 4:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Nanso adom a ɔde ma no dɔɔso.+ Enti ɛka sɛ: “Onyankopɔn siw ahantanfo kwan,+ na ɔdom ahobrɛasefo.”+ 1 Petro 5:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Saa ara na mo mmerante nso, mommrɛ mo ho ase+ nhyɛ mpanyimfo ase. Na mo nyinaa momfa ahobrɛase adwene mmɔ mo asen mfa nsonsom mo ho,+ efisɛ Onyankopɔn ne ahantanfo di asi, nanso ɔdom ahobrɛasefo.+
15 Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yehowa, mesrɛ wo. Dɛn na mede begye Israel?+ Manase abusuakuw mu nyinaa, m’asafo* na esua, na mene akumaa wɔ m’agya fie.”+
6 Nanso adom a ɔde ma no dɔɔso.+ Enti ɛka sɛ: “Onyankopɔn siw ahantanfo kwan,+ na ɔdom ahobrɛasefo.”+
5 Saa ara na mo mmerante nso, mommrɛ mo ho ase+ nhyɛ mpanyimfo ase. Na mo nyinaa momfa ahobrɛase adwene mmɔ mo asen mfa nsonsom mo ho,+ efisɛ Onyankopɔn ne ahantanfo di asi, nanso ɔdom ahobrɛasefo.+