Genesis 5:29 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 29 Ɔtoo no din Noa,+ na ɔkae sɛ: “Oyi na ɔbɛkyekye yɛn werɛ, yɛn adwuma ne yaw a yɛte wɔ yɛn nsa ano mu esiane asase a Yehowa domee+ no nti.” Genesis 41:51 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 51 Yosef frɛɛ ɔpanyin no Manase,+ efisɛ sɛnea ɔkae no, “Onyankopɔn ama me werɛ afi m’amanehunu ne me papa fie nyinaa.”+ Exodus 2:22 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 22 Akyiri yi, ɔwoo ɔbabarima na Mose too no din Gersom,+ efisɛ ɔkae sɛ: “Meyɛ ɔhɔho a mabɛtena ananafo asase so.”+ Mateo 1:21 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 Ɔbɛwo ɔbabarima, na ɛsɛ sɛ woto ne din Yesu,+ efisɛ ɔno na obegye+ ne manfo+ afi wɔn bɔne mu.”+
29 Ɔtoo no din Noa,+ na ɔkae sɛ: “Oyi na ɔbɛkyekye yɛn werɛ, yɛn adwuma ne yaw a yɛte wɔ yɛn nsa ano mu esiane asase a Yehowa domee+ no nti.”
51 Yosef frɛɛ ɔpanyin no Manase,+ efisɛ sɛnea ɔkae no, “Onyankopɔn ama me werɛ afi m’amanehunu ne me papa fie nyinaa.”+
22 Akyiri yi, ɔwoo ɔbabarima na Mose too no din Gersom,+ efisɛ ɔkae sɛ: “Meyɛ ɔhɔho a mabɛtena ananafo asase so.”+