Yosua 18:28 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 28 ne Sela,+ Ha-Elef, ne Yebusifo kurow Yerusalem,+ ne Gibea+ ne Kiriat; nkurow dunan ne ɛho nkuraa. Eyi ne Benyamin mma mmusua no agyapade.+ 1 Samuel 10:26 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 26 Saul nso kɔɔ ne fie wɔ Gibea,+ na mmarima akokodurufo a Onyankopɔn aka wɔn koma no ne no kɔe.+ 1 Samuel 15:34 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 34 Na Samuel siim kɔɔ Rama, na Saul nso kɔɔ ne fie wɔ Saul kurow Gibea+ mu.
28 ne Sela,+ Ha-Elef, ne Yebusifo kurow Yerusalem,+ ne Gibea+ ne Kiriat; nkurow dunan ne ɛho nkuraa. Eyi ne Benyamin mma mmusua no agyapade.+