Mmebusɛm 3:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Fa wo koma nyinaa to Yehowa so,+ na mfa wo ho ntweri w’ankasa ntease.+ Mmebusɛm 14:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Ɛwɔ ɔkwan bi a ɛteɛ onipa ani so,+ nanso n’awiei yɛ owu kwan.+ Mmebusɛm 19:21 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 Onipa komam nsusuwii dɔɔso,+ na Yehowa agyina na ebetim.+