2 Efi tete,+ bere a Saul di yɛn so hene no, wo na wudii Israel anim de wɔn kɔe na wode wɔn bae,+ na Yehowa ka kyerɛɛ wo sɛ, ‘Wo na wobɛyɛn+ me man Israel, na wo na wubedi Israel anim.’”+
4 Yehowa, Israel Nyankopɔn paw me fii me papa fiefo nyinaa mu+ sɛ menyɛ Israel hene+ afebɔɔ; Yuda na ɔpaw no ɔkannifo,+ na Yuda abusua mu nso, ɔpaw me papa fie,+ na me papa mma+ mu nso, me na ogyee me toom+ sɛ memmɛyɛ Israel nyinaa hene;