37 “Afei me, Nebukadnesar, miyi ɔsoro Hene no ayɛ na mema no so hyɛ no anuonyam,+ efisɛ ne nnwuma nyinaa yɛ nokware, na n’akwan yɛ atɛntrenee,+ na wɔn a wɔnam ahantan so no, otumi brɛ wɔn ase.”+
5 Saa ara na mo mmerante nso, mommrɛ mo ho ase+ nhyɛ mpanyimfo ase. Na mo nyinaa momfa ahobrɛase adwene mmɔ mo asen mfa nsonsom mo ho,+ efisɛ Onyankopɔn ne ahantanfo di asi, nanso ɔdom ahobrɛasefo.+