Deuteronomium 32:31 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 31 Wɔn botan no nte sɛ yɛn Botan no,+Na yɛn atamfo mpo begye atom saa.+ 1 Samuel 2:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Obiara nni hɔ a ɔyɛ kronkron sɛ Yehowa, obiara nni hɔ sɛ wo;+Ɔbotan bi nni hɔ sɛ yɛn Nyankopɔn.+ Dwom 18:31 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 31 Hena ne Onyankopɔn sɛ Yehowa?+Na hena ne ɔbotan sɛ yɛn Nyankopɔn?+ Dwom 94:22 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 22 Nanso Yehowa bɛyɛ m’abantenten,+Na me Nyankopɔn bɛyɛ me guankɔbea botan.+ Dwom 95:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 95 Mommra ɛ, momma yɛnto ahurusi dwom mma Yehowa!+Momma yɛmmɔ yɛn nkwagye Botan no ose.+