2 Samuel 7:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 Wo fie ne w’ahenni betim w’anim afebɔɔ, na w’ahengua nso betim afebɔɔ.”’”+ 1 Ahene 9:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 me nso mɛma w’ahengua atim Israel so daa, sɛnea mehyɛɛ wo papa Dawid bɔ no, sɛ, ‘Obusuani a ɔbɛtena Israel ahengua so remmɔ wo.’+ 1 Beresosɛm 17:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 “‘“Na ɛbɛba sɛ, sɛ wo nna wie du na wo ne w’agyanom kɔda+ a, mɛma w’aseni bi so w’akyi, wo mma no mu biako,+ na mɛma n’ahenni atim.+ Dwom 89:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 “Me ne nea mapaw no no ayɛ apam;+Maka ntam akyerɛ m’akoa Dawid+ sɛ, Dwom 89:28 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 28 Mɛma m’adɔe ne no atena daa,+Na m’apam renni no huammɔ da.+ Dwom 132:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Yehowa aka Dawid ntam,+Nokwarem no ɔrentwe nsan:+“Wo yafunu mu aba+Na mede no besi w’ahengua so.+
5 me nso mɛma w’ahengua atim Israel so daa, sɛnea mehyɛɛ wo papa Dawid bɔ no, sɛ, ‘Obusuani a ɔbɛtena Israel ahengua so remmɔ wo.’+
11 “‘“Na ɛbɛba sɛ, sɛ wo nna wie du na wo ne w’agyanom kɔda+ a, mɛma w’aseni bi so w’akyi, wo mma no mu biako,+ na mɛma n’ahenni atim.+