1 Beresosɛm
13 Dawid ne apem apem ne ɔha ha so ahwɛfo ne akannifo no nyinaa tuu agyina;+ 2 na Dawid ka kyerɛɛ Israel asafo no nyinaa sɛ: “Sɛ eye mo ani so na ɛteɛ Yehowa yɛn Nyankopɔn anim a, momma yɛnsoma nkɔ yɛn nuanom nkae a wɔwɔ Israel+ asase so nyinaa, ne asɔfo+ ne Lewifo+ a wɔwɔ wɔn nkurow+ mu ne ɛho mfikyisase so no nkyɛn sɛ wɔmmoaboa wɔn ano mmra yɛn nkyɛn, 3 na yɛnkɔfa yɛn Nyankopɔn adaka+ no mmra ha.” Saul bere so no, ɛho asɛm anhia wɔn.+ 4 Ɛnna asafo no nyinaa kae sɛ wɔbɛyɛ nea waka no, efisɛ na ɛteɛ ɔman no nyinaa ani so.+ 5 Enti Dawid boaboaa Israel nyinaa ano+ fi Egypt asubɔnten+ ho kosii Hamat+ kurotia sɛ wɔnkɔfa nokware Nyankopɔn adaka+ no mfi Kiriat-Yearim+ mmra.
6 Ɛnna Dawid ne Israel nyinaa kɔɔ Baala+ a ɛne Kiriat-Yearim, wɔ Yuda, sɛ wɔrekɔfa Yehowa, nokware Nyankopɔn a ɔte kerubim+ so no adaka a ne din da so no aba. 7 Nanso teaseɛnam foforo+ bi so na wɔde nokware Nyankopɔn adaka a wɔkɔfa fii Abinadab fie no sii; Ussa ne Ahio+ na wodii teaseɛnam no anim. 8 Dawid ne Israel nyinaa de nnwom+ ne asanku+ ne asankuten+ ne mpintin+ ne nnawuta ne ntorobɛnto+ dii ahurusi+ denneennen nokware Nyankopɔn anim. 9 Wɔde nkakrankakra beduu Kidon+ awiporowbea hɔ, na ɛhɔ na Ussa teɛɛ ne nsa kosoo Adaka+ no mu, efisɛ ɛkaa kakraa bi sɛ anka anantwi no redan ahwe hɔ. 10 Ɛhɔ ara na Yehowa bo fuw Ussa, na ɔbɔɔ no hwee fam sɛ ɔteɛɛ ne nsa kaa Adaka+ no, na owui wɔ Onyankopɔn anim hɔ.+ 11 Ɛnna Dawid bo fuwii+ sɛ Yehowa abufuw adɛw ahyɛ Ussa. Na wɔbɛfrɛɛ hɔ Peres-Ussa de besi nnɛ.
12 Na Dawid suroo nokware Nyankopɔn no saa da no,+ na ɔkae sɛ: “Mɛyɛ dɛn de nokware Nyankopɔn adaka no aba me nkyɛn?”+ 13 Enti Dawid amfa Adaka no amma ne nkyɛn wɔ Dawid Kurow mu na mmom ɔde man kɔɔ Gatni+ Obed-Edom fie.+ 14 Na nokware Nyankopɔn adaka no kaa Obed-Edom fie+ asram abiɛsa, na Yehowa kɔɔ so hyiraa+ Obed-Edom fie ne nea ɔwɔ nyinaa.