2 Samuel 2:22 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 22 Ɛnna Abner san ka kyerɛɛ Asahel sɛ: “San fi m’akyi kɔ. Dɛn nti na woreyɛ ama mabɔ wo ahwe fam yi?+ Anka mɛyɛ dɛn apagyaw m’ani ahwɛ wo nua Yoab?” 2 Samuel 2:23 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 23 Nanso wampɛ sɛ ɔsan. Enti Abner de ne peaw no ti wɔɔ ne yam+ ma peaw no puee n’akyi, na ɔhwee fam wui ɛhɔ ara. Na ɛbae sɛ obiara du faako a Asahel hwee fam wui no a, na wagyina hɔ.+
22 Ɛnna Abner san ka kyerɛɛ Asahel sɛ: “San fi m’akyi kɔ. Dɛn nti na woreyɛ ama mabɔ wo ahwe fam yi?+ Anka mɛyɛ dɛn apagyaw m’ani ahwɛ wo nua Yoab?”
23 Nanso wampɛ sɛ ɔsan. Enti Abner de ne peaw no ti wɔɔ ne yam+ ma peaw no puee n’akyi, na ɔhwee fam wui ɛhɔ ara. Na ɛbae sɛ obiara du faako a Asahel hwee fam wui no a, na wagyina hɔ.+