15 “Sɛ Israelfo retu a, Aaron ne ne mma bɛkata kronkronbea+ no ne ɛho nneɛma nyinaa+ ho ansa na Kohat asefo no abɛsoa.+ Ɛnsɛ sɛ wɔde wɔn nsa ka+ kronkronbea no na wɔanwu. Ahyiae ntamadan no mu nneɛma yi na Kohat asefo no bɛsoa.+
19 Monyɛ eyi mma wɔn na wɔatena nkwa mu na wɔamma akronkronne+ mu ade kronkron no ho ammewuwu. Aaron ne ne mma nni kan mmra na wɔnkyerɛ obiara n’adwuma ne n’adesoa.
2 Saa bere no, Dawid kae sɛ: “Obiara ntumi nsoa nokware Nyankopɔn adaka no gye Lewifo no nko, efisɛ wɔn na Yehowa apaw wɔn sɛ wɔnsoa Yehowa adaka+ no na wɔnsom+ no daa.”