1 Beresosɛm 18:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Dawid kɔɔ so dii Israel nyinaa so hene;+ obuu atɛn na odii asɛntrenee maa ne man nyinaa daa.+ Mmebusɛm 29:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Ɔhene de atɛntrenee na ɛma ɔman gyina,+ na onipa a ogyigye adanmude dwiriw gu.+ Mmebusɛm 29:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Sɛ ɔhene bu abrɛfo atɛn nokware mu+ a, n’ahengua betim daa.+