30 Ɛnna Yakob ka kyerɛɛ Simeon ne Lewi+ sɛ: “Moama mabɛyɛ abusude na me ho abɔn asase yi sofo,+ Kanaanfo ne Perisifo. Me ho nnipa sua,+ na wɔbɛboaboa wɔn ano abekum me atɔre m’ase, me ne me fie.”
21 Ɛhɔ ara na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Yehowa nhwɛ mo na ommu mo atɛn,+ efisɛ moama yɛn ho abɔn+ Farao ne ne nkoa anim, na mode nkrante ahyɛ wɔn nsam sɛ wɔmfa nkunkum yɛn.”+
4 Na wɔka maa Israel nyinaa tee sɛ: “Saul akunkum Filistifo asraafodɔm, na seesei Israel ho abɔn+ Filistifo no.” Enti wɔfrɛfrɛɛ ɔman no sɛ wommedi Saul akyi wɔ Gilgal.+