1 Ahene 15:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 efisɛ Dawid yɛɛ nea ɛteɛ Yehowa ani so, na wannan amfi biribiara a ɔhyɛɛ no no ho ne nkwa nna nyinaa,+ gye Hitini Uria asɛm no+ nko mu. 1 Beresosɛm 21:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Asɛm yi yɛɛ nokware Nyankopɔn ani so bɔne,+ enti ɔteɛɛ ne nsa kaa Israel. Dwom 11:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Yehowa wɔ n’asɔrefie kronkron no mu.+Yehowa de, n’ahengua wɔ soro.+N’ani tua biribiara, n’aniwa na ɔde pɛɛpɛɛ nnipa mma mu.+ Yeremia 32:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 Wo na wosõ, afotu+ ne nnwuma+ mu, na w’ani abue hwɛ nnipa mma+ akwan nyinaa sɛ wubetua obiara ka sɛnea n’akwan ne ne nneyɛe so aba te.+ Hebrifo 4:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Na abɔde biara nni hɔ a ɛnna adi n’anim,+ na nneɛma nyinaa ho da hɔ, na ɛso abue pefee, nea yɛne no wɔ akontaabu no anim.+
5 efisɛ Dawid yɛɛ nea ɛteɛ Yehowa ani so, na wannan amfi biribiara a ɔhyɛɛ no no ho ne nkwa nna nyinaa,+ gye Hitini Uria asɛm no+ nko mu.
4 Yehowa wɔ n’asɔrefie kronkron no mu.+Yehowa de, n’ahengua wɔ soro.+N’ani tua biribiara, n’aniwa na ɔde pɛɛpɛɛ nnipa mma mu.+
19 Wo na wosõ, afotu+ ne nnwuma+ mu, na w’ani abue hwɛ nnipa mma+ akwan nyinaa sɛ wubetua obiara ka sɛnea n’akwan ne ne nneyɛe so aba te.+
13 Na abɔde biara nni hɔ a ɛnna adi n’anim,+ na nneɛma nyinaa ho da hɔ, na ɛso abue pefee, nea yɛne no wɔ akontaabu no anim.+